9 Sɛ mosan+ ba Yehowa nkyɛn a, mo nuanom ne mo mma benya mmɔborɔhunu,+ wɔn a wɔafa wɔn nnommum no nsam, na wɔbɛma wɔasan aba asase yi so,+ efisɛ Yehowa, mo Nyankopɔn no yɛ ɔdomfo+ ne mmɔborɔhunufo,+ na mosan ba ne nkyɛn a, ɔrenyi n’ani mfi mo so.”+
17 Wɔantie,+ na wɔankae+ w’anwonwade a woyɛe wɔn mu no, mmom no, wosen wɔn kɔn+ na wɔpaw obi sɛ onni wɔn anim+ nsan nkɔ wɔn nkoasom mu wɔ Egypt. Nanso woyɛ Nyankopɔn a wode bɔne firi,+ ɔdomfo+ ne mmɔborɔhunufo,+ wo bo kyɛ fuw+ na w’adɔe dɔɔso,+ enti woampo wɔn.+
13 Munsuan mo koma mu,+ na ɛnyɛ mo ntade mu,+ na monsan mmra Yehowa mo Nyankopɔn nkyɛn, efisɛ ɔyɛ ɔdomfo ne mmɔborɔhunufo,+ ne bo kyɛ fuw+ na n’adɔe dɔɔso,+ na amanehunu no nti, obegyae mu ma aka.+