14 Wɔmaa asetena fonoo wɔn, na wɔhyɛɛ wɔn ma wɔwɔw dɔte+ de yɛɛ birikisi, na wɔma wɔyɛɛ afumdwuma nyinaa bi.+ Yiw, nkoadwuma biara a wɔpɛ sɛ wɔyɛ no, wɔhyɛɛ wɔn atirimɔden so ma wɔyɛe.+
7 Yehowa de kaa ho sɛ: “Nokwarem no mahu me nkurɔfo a wɔwɔ Egypt no amanehunu, na mate apini a wosi bere a wɔhyɛ wɔn de wɔn yɛ adwuma no. Minim wɔn brɛ nyinaa.+