Exodus 13:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Yehowa dii wɔn anim kyerɛɛ wɔn kwan. Ɔnam omununkum dum mu kyerɛɛ wɔn kwan+ awia, na ɔnam ogya dum mu maa wɔn hann anadwo, na ɛma wɔnantew awia ne anadwo.+ Numeri 9:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Saa na ɛkɔɔ so daa: Sɛ edu anɔpa a na omununkum abɛkata so, na sɛ edu anadwo a na biribi te sɛ ogya abɛkata so.+ Dwom 78:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Ɔde omununkum dii wɔn anim awia+Na anadwo mũ nyinaa nso, ɔde ogya a ɛhyerɛn dii wɔn anim.+
21 Yehowa dii wɔn anim kyerɛɛ wɔn kwan. Ɔnam omununkum dum mu kyerɛɛ wɔn kwan+ awia, na ɔnam ogya dum mu maa wɔn hann anadwo, na ɛma wɔnantew awia ne anadwo.+
16 Saa na ɛkɔɔ so daa: Sɛ edu anɔpa a na omununkum abɛkata so, na sɛ edu anadwo a na biribi te sɛ ogya abɛkata so.+