30 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ Simeon ne Lewi+ sɛ: “Moama mabɛyɛ abusude na me ho abɔn asase yi sofo,+ Kanaanfo ne Perisifo. Me ho nnipa sua,+ na wɔbɛboaboa wɔn ano abekum me atɔre m’ase, me ne me fie.”
4 Na wɔka maa Israel nyinaa tee sɛ: “Saul akunkum Filistifo asraafodɔm, na seesei Israel ho abɔn+ Filistifo no.” Enti wɔfrɛfrɛɛ ɔman no sɛ wommedi Saul akyi wɔ Gilgal.+
6 Akyiri yi, Ammonfo no hui sɛ wɔn ho abɔn+ Dawid. Ɛno nti Hanun+ ne Ammonfo no de dwetɛ dwetikɛse apem+ kogyee nteaseɛnam+ ne apɔnkɔsotefo fii Mesopotamia ne Aram-Maaka+ ne Soba.+