Exodus 3:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Israelni bea biara mmisa nneɛma a wɔde dwetɛ ayɛ ne nea wɔde sika ayɛ ne ntama mfi ne fipamfo ne ɔbea hɔho a ɔte ne fie no hɔ, na momfa nhyehyɛ mo mmabarima ne mo mmabea; monwerɛw Egyptfo ho.”+ Exodus 12:35 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 35 Na Israelfo no yɛɛ nea Mose kae no, na wobisaa nneɛma a wɔde dwetɛ ayɛ ne nea wɔde sika ayɛ ne ntama fii Egyptfo no hɔ.+ Dwom 105:37 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 37 Oyii ne man fii hɔ de dwetɛ ne sika kaa wɔn ho;+Ná obiara nni n’abusuakuw no mu a wagow. Mmebusɛm 13:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Onipa pa begyaw agyapade ama ne mma mma, na ɔbɔnefo ahonyade de, wɔkora so ma ɔtreneeni.+
22 Israelni bea biara mmisa nneɛma a wɔde dwetɛ ayɛ ne nea wɔde sika ayɛ ne ntama mfi ne fipamfo ne ɔbea hɔho a ɔte ne fie no hɔ, na momfa nhyehyɛ mo mmabarima ne mo mmabea; monwerɛw Egyptfo ho.”+
35 Na Israelfo no yɛɛ nea Mose kae no, na wobisaa nneɛma a wɔde dwetɛ ayɛ ne nea wɔde sika ayɛ ne ntama fii Egyptfo no hɔ.+