Genesis 22:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Ɛnna Abraham kae sɛ: “Me ba, Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛ oguan a yɛde bɛbɔ afɔre no.”+ Na wɔtoaa so kɔe. Yohane 1:29 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 29 Ade kyee no, ohui sɛ Yesu reba ne nkyɛn, na ɔkae sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn Guammaa+ a oyi wiase bɔne fi hɔ no ni!+ 1 Korintofo 5:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Munyi mmɔkaw dedaw no ngu, na moayɛ mmɔre foforo,+ sɛnea mmɔkaw biara nni mo mu no. Efisɛ wɔanya de yɛn twam guan+ Kristo+ no abɔ afɔre.+ Adiyisɛm 5:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Na mihui sɛ oguammaa+ bi a ɔte sɛ nea wokum no+ gyina ahengua+ no ne honhom abɔde baanan no ne mpanyimfo no mfinimfini+ a ɔwɔ mmɛn ason ne aniwa ason, na aniwa no yɛ Onyankopɔn ahonhom ason+ a wɔasoma wɔn asase nyinaa so no. Adiyisɛm 7:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Na wɔde nne kɛse teɛm sɛ: “Yɛn nkwagye fi yɛn Nyankopɔn+ a ɔte ahengua+ no so ne Oguammaa no hɔ.”+
8 Ɛnna Abraham kae sɛ: “Me ba, Onyankopɔn ankasa bɛkyerɛ oguan a yɛde bɛbɔ afɔre no.”+ Na wɔtoaa so kɔe.
29 Ade kyee no, ohui sɛ Yesu reba ne nkyɛn, na ɔkae sɛ: “Hwɛ, Onyankopɔn Guammaa+ a oyi wiase bɔne fi hɔ no ni!+
7 Munyi mmɔkaw dedaw no ngu, na moayɛ mmɔre foforo,+ sɛnea mmɔkaw biara nni mo mu no. Efisɛ wɔanya de yɛn twam guan+ Kristo+ no abɔ afɔre.+
6 Na mihui sɛ oguammaa+ bi a ɔte sɛ nea wokum no+ gyina ahengua+ no ne honhom abɔde baanan no ne mpanyimfo no mfinimfini+ a ɔwɔ mmɛn ason ne aniwa ason, na aniwa no yɛ Onyankopɔn ahonhom ason+ a wɔasoma wɔn asase nyinaa so no.
10 Na wɔde nne kɛse teɛm sɛ: “Yɛn nkwagye fi yɛn Nyankopɔn+ a ɔte ahengua+ no so ne Oguammaa no hɔ.”+