Yosua 2:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Yɛate sɛnea mufi Egypt reba no Yehowa maa Po Kɔkɔɔ no yowee wɔ mo anim,+ ne nea mode yɛɛ Amorifo ahene baanu, Sihon+ ne Og,+ a wɔwɔ Yordan agya no, sɛe a mosɛee wɔn no.+ Dwom 66:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Wama ɛpo adan asase kesee;+Wɔde anammɔn twaa asubɔnten no.+Ɛhɔ na yedii ne mu ahurusi.+ Dwom 106:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Enti ɔkaa Po Kɔkɔɔ no anim, na ɛyowee;+Ɔne wɔn nantew subun no mu sɛnea wɔnam sare so;+ Dwom 114:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Ɛpo hui, na eguanee;+Na Yordan de, ɛsan n’akyi.+ Yesaia 51:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Ɛnyɛ wo na womaa ɛpo yowee, na subun akɛse mu nsu sae?+ Ɛnyɛ wo na wopaee kwan faa po ase maa wɔn a wɔagye wɔn no twae?+
10 Yɛate sɛnea mufi Egypt reba no Yehowa maa Po Kɔkɔɔ no yowee wɔ mo anim,+ ne nea mode yɛɛ Amorifo ahene baanu, Sihon+ ne Og,+ a wɔwɔ Yordan agya no, sɛe a mosɛee wɔn no.+
10 Ɛnyɛ wo na womaa ɛpo yowee, na subun akɛse mu nsu sae?+ Ɛnyɛ wo na wopaee kwan faa po ase maa wɔn a wɔagye wɔn no twae?+