Genesis 19:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Nanso ɔsrɛɛ wɔn denneennen,+ enti wɔne no kɔɔ fie. Afei ɔtow wɔn pon,+ na ɔtõõ paanoo a mmɔkaw nnim+ maa wɔn, na wofii ase didii. Genesis 24:31 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 31 Ntɛm ara na ɔkae sɛ: “Bra, wo a Yehowa ahyira wo.+ Dɛn nti na woda so gyina afikyiri bere a masiesie fie hɔ ne faako a yoma no bɛda?” Hiob 31:32 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 32 Ɔhɔho biara anna abɔnten anadwo;+Mibuee m’apon maa akwantufo. Romafo 12:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Momma akronkronfo nea wohia.+ Momma mo ani nnye ahɔhoyɛ ho.+ Hebrifo 13:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Mommma mo werɛ mmfi ahɔhoyɛ,+ efisɛ ɛno na ebinom nam so gyee abɔfo a wɔanhu.+
3 Nanso ɔsrɛɛ wɔn denneennen,+ enti wɔne no kɔɔ fie. Afei ɔtow wɔn pon,+ na ɔtõõ paanoo a mmɔkaw nnim+ maa wɔn, na wofii ase didii.
31 Ntɛm ara na ɔkae sɛ: “Bra, wo a Yehowa ahyira wo.+ Dɛn nti na woda so gyina afikyiri bere a masiesie fie hɔ ne faako a yoma no bɛda?”