Exodus 16:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Bere a Israelfo no hui no, wobisabisaa wɔn ho sɛ: “Dɛn ni?” Ná wonnim ade ko. Enti Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛyɛ aduan a Yehowa de ama mo sɛ munni.+ Numeri 11:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Na mana+ no te sɛ aba fitaa bi,+ na na ɛho te sɛ bedola* hyɛ.+
15 Bere a Israelfo no hui no, wobisabisaa wɔn ho sɛ: “Dɛn ni?” Ná wonnim ade ko. Enti Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛyɛ aduan a Yehowa de ama mo sɛ munni.+