Numeri 14:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Wɔn a wɔahu m’anuonyam+ ne anwonwade+ ahorow a mayɛ wɔ Egypt ne sare yi so, nanso mpɛn du yi nyinaa wɔasɔ me ahwɛ+ na wɔantie me+ no de, Dwom 78:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe wɔn komam,+Na wobisaa no nea wɔn kra bedi.+ Dwom 95:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Bere a mo agyanom gyigyee me no;+Wɔsɔɔ me hwɛe, nanso na wɔahu me nnwuma.+ Dwom 106:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Mmom no, wɔdaa wɔn pɛsɛmenkominya akɔnnɔ adi wɔ sare no so,+Na wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe wɔ kwayow no so.+ Luka 4:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Ɛnna Yesu bua see no sɛ: “Wɔaka sɛ, ‘Nsɔ Yehowa wo Nyankopɔn nhwɛ.’”+ 1 Korintofo 10:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Saa ara nso na mommma yɛnnsɔ Yehowa+ nnhwɛ sɛnea wɔn mu binom sɔɔ no hwɛe+ na awɔ kunkum wɔn+ no. Hebrifo 3:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 bere a mo agyanom gyigyee me sɔɔ me hwɛe, ɛmfa ho sɛ na wɔahu me nnwuma+ mfe aduanan+ no.
22 Wɔn a wɔahu m’anuonyam+ ne anwonwade+ ahorow a mayɛ wɔ Egypt ne sare yi so, nanso mpɛn du yi nyinaa wɔasɔ me ahwɛ+ na wɔantie me+ no de,
14 Mmom no, wɔdaa wɔn pɛsɛmenkominya akɔnnɔ adi wɔ sare no so,+Na wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe wɔ kwayow no so.+