9 Na ɔkae sɛ: “O Yehowa, sɛ afei manya w’anim dom a, ɛnde mesrɛ wo ka yɛn ho na yɛnkɔ,+ efisɛ nnipa yi kɔn asen.+ Yehowa, fa yɛn mfomso ne yɛn bɔne firi yɛn,+ na fa yɛn yɛ w’agyapade.”+
17 Saa da no, m’abufuw bɛdɛw ahyɛ wɔn,+ na mɛpo wɔn+ adan m’ani afi wɔn so,+ na meyi wɔn asi hɔ ama ɔsɛe. Na wobehyia ɔhaw ne abɛbrɛsɛ nyinaa bi.+ Afei wɔbɛka sɛ, ‘Ɛnyɛ yɛn Nyankopɔn a onni yɛn mfinimfini nti na ɔhaw yi nyinaa aba yɛn so yi?’+