Leviticus 22:8 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 8 Afei ɔnhwɛ na wanwe aboa funu anaa nea aboa foforo atetew ne mu na ne ho angu fĩ.+ Mene Yehowa. Hesekiel 4:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Afei mekae sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa, me kra ho nguu fĩ ɛ,+ na efi me mmofraase besi nnɛ menwee aboa funu anaa aboa a wɔatetew ne mu da,+ na nam a ɛho akum biara nso nkaa m’ano da.”+ Asomafo Nnwuma 10:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Nanso Petro kae sɛ: “Dabi, Awurade, efisɛ minnii biribi a ɛho agu fĩ na ɛho ntew biara da.”+
14 Afei mekae sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa, me kra ho nguu fĩ ɛ,+ na efi me mmofraase besi nnɛ menwee aboa funu anaa aboa a wɔatetew ne mu da,+ na nam a ɛho akum biara nso nkaa m’ano da.”+