11 Na afe a ɛto so ason no, nnɔw so, gyaw ma ɛnna hɔ kwa.+ Ma ahiafo nnidi asase no so, na nea wobegyaw ama aka no, wuram mmoa nni.+ Saa ara na monyɛ mo bobeturo ne ngodua turo.
34 “‘Bere a mowɔ mo atamfo man mu a mo asase da mpan no, asase no bɛhome de atew ne ka nyinaa. Saa bere no asase no bɛhome na ahome nea ɛkaa mu nyinaa.+