26 Ɛnna wɔsoma kɔka kyerɛɛ Asiria hene sɛ: “Amanaman a woafa wɔn nnommum de wɔn akɔtenatena Samaria nkurow mu no, esiane sɛ wonnim sɛnea wɔsom asase no Nyame nti, ɔsoma agyata ba wɔn mu;+ na hwɛ! kum ara na wɔrekunkum wɔn, efisɛ obiara nnim sɛnea wɔsom asase no Nyame.”