25 Momma nsonsonoe nna mmoa a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew ntam, ne nnomaa a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew ntam.+ Na mommfa mmoa anaa nnomaa anaa biribiara a ɛwea fam a mayi asi hɔ sɛ wɔn ho ntew no nngu mo kra ho fĩ.+
7 Nanso mmoa a wopuw wesaw anaa wɔn nan mu apae yi de, monnwe: yoma+ ne adanko+ ne atwaboa,+ efisɛ wopuw wesaw de, nanso wɔn nan mu mpaee. Wɔn ho ntew mma mo.