Atemmufo 21:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Bere a yɛaka ntam+ wɔ Yehowa anim sɛ yɛremfa yɛn mmabea mma wɔn aware+ yi, yɛbɛyɛ dɛn anya ɔyerenom ama wɔn a wɔaka no?” 1 Samuel 14:24 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 24 Saa da no, na Israel mmarima abrɛ, nanso Saul kaa ntam+ guu ɔman no so sɛ: “Ɔbarima a wantwɛn kosi sɛ mɛtɔ m’atamfo so were na obedidi ansa na onwini adwo no, nnome nka no!”+ Na ɔmanfo no mu biara amfa aduan anka n’ano.+ Mateo 5:33 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 33 “Motee nso sɛ wɔka kyerɛɛ wɔn a wɔtenaa ase tete no sɛ, ‘Nka ntanhunu,+ na mmom sɛ wohyɛ Yehowa bɔ a, tua.’+ Marko 6:23 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 Yiw, ɔkaa ntam kyerɛɛ no sɛ: “Biribiara a wubebisa me no, mɛma wo+ kosi m’ahenni mu fã so.”+
7 Bere a yɛaka ntam+ wɔ Yehowa anim sɛ yɛremfa yɛn mmabea mma wɔn aware+ yi, yɛbɛyɛ dɛn anya ɔyerenom ama wɔn a wɔaka no?”
24 Saa da no, na Israel mmarima abrɛ, nanso Saul kaa ntam+ guu ɔman no so sɛ: “Ɔbarima a wantwɛn kosi sɛ mɛtɔ m’atamfo so were na obedidi ansa na onwini adwo no, nnome nka no!”+ Na ɔmanfo no mu biara amfa aduan anka n’ano.+
33 “Motee nso sɛ wɔka kyerɛɛ wɔn a wɔtenaa ase tete no sɛ, ‘Nka ntanhunu,+ na mmom sɛ wohyɛ Yehowa bɔ a, tua.’+