Leviticus 1:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 “‘Na afei wonkum nantwi ba no wɔ Yehowa anim, na Aaron mma asɔfo no+ mfa mogya no mmra, na wɔmfa mpete afɔremuka a ɛwɔ ahyiae ntamadan no ano no so nhyia.+ Leviticus 7:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Faako+ a wokum aboa a wɔde bɔ ɔhyew afɔre no, ɛhɔ na wobekum aboa a wɔde no bɛbɔ asodi afɔre no, na ɔde ne mogya+ bɛpete+ afɔremuka no so ahyia. Hebrifo 9:22 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 22 Yiw, sɛnea Mmara no kyerɛ no, ɛkame ayɛ sɛ wɔde mogya tew nneɛma nyinaa ho,+ na sɛ mogya angu a,+ fafiri ntumi mma.+
5 “‘Na afei wonkum nantwi ba no wɔ Yehowa anim, na Aaron mma asɔfo no+ mfa mogya no mmra, na wɔmfa mpete afɔremuka a ɛwɔ ahyiae ntamadan no ano no so nhyia.+
2 Faako+ a wokum aboa a wɔde bɔ ɔhyew afɔre no, ɛhɔ na wobekum aboa a wɔde no bɛbɔ asodi afɔre no, na ɔde ne mogya+ bɛpete+ afɔremuka no so ahyia.
22 Yiw, sɛnea Mmara no kyerɛ no, ɛkame ayɛ sɛ wɔde mogya tew nneɛma nyinaa ho,+ na sɛ mogya angu a,+ fafiri ntumi mma.+