Leviticus 5:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Na bɔne a wayɛ nti, ɔmfa oguan anaa abirekyi bere+ kumaa mmɛbɔ n’asodi afɔre+ wɔ Yehowa anim; na ɔsɔfo no mpata mma ne bɔne.+ Mmebusɛm 28:13 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 13 Nea ɔkata ne mmarato so no, ɛrensi no yiye,+ na nea ɔka na ogyae no, wobehu no mmɔbɔ.+ 2 Korintofo 5:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Nea na onnim bɔne no,+ ɔde no yɛɛ bɔne+ maa yɛn, na yɛnam no so ayɛ Onyankopɔn trenee.+
6 Na bɔne a wayɛ nti, ɔmfa oguan anaa abirekyi bere+ kumaa mmɛbɔ n’asodi afɔre+ wɔ Yehowa anim; na ɔsɔfo no mpata mma ne bɔne.+