Leviticus 5:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Na bɔne a wayɛ nti, ɔmfa oguan anaa abirekyi bere+ kumaa mmɛbɔ n’asodi afɔre+ wɔ Yehowa anim; na ɔsɔfo no mpata mma ne bɔne.+ Leviticus 6:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Bio, ɛsɛ sɛ ɔde odwennini a ɔte apɔw+ a odu ɛbo a wɔatwa ato hɔ no brɛ Yehowa na ɔsɔfo no de bɔ asodi afɔre.+ Leviticus 14:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Afei ɔsɔfo no mfa odwennini kumaa biako a ɔde bɛbɔ asodi afɔre+ no ne ngo no+ mmra, na onhim wɔ Yehowa anim sɛ ohim afɔre.+ Leviticus 19:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Ɔbarima no mfa odwennini mmrɛ Yehowa wɔ ahyiae ntamadan no ano mma wɔmfa mmɔ asodi afɔre.+ Numeri 6:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Nna a obetu ne ho ama Yehowa sɛ Nasirini+ no nyinaa, ɔntena ase sɛ Nasirini. Afei ɔmfa odwennini kumaa a wadi afe mmɛbɔ asodi afɔre.+ Na nna a edi kan a ɔde tenaa ase sɛ Nasirini no nyinaa ahyew agu, efisɛ wagu ne ho fĩ.
6 Na bɔne a wayɛ nti, ɔmfa oguan anaa abirekyi bere+ kumaa mmɛbɔ n’asodi afɔre+ wɔ Yehowa anim; na ɔsɔfo no mpata mma ne bɔne.+
6 Bio, ɛsɛ sɛ ɔde odwennini a ɔte apɔw+ a odu ɛbo a wɔatwa ato hɔ no brɛ Yehowa na ɔsɔfo no de bɔ asodi afɔre.+
12 Afei ɔsɔfo no mfa odwennini kumaa biako a ɔde bɛbɔ asodi afɔre+ no ne ngo no+ mmra, na onhim wɔ Yehowa anim sɛ ohim afɔre.+
12 Nna a obetu ne ho ama Yehowa sɛ Nasirini+ no nyinaa, ɔntena ase sɛ Nasirini. Afei ɔmfa odwennini kumaa a wadi afe mmɛbɔ asodi afɔre.+ Na nna a edi kan a ɔde tenaa ase sɛ Nasirini no nyinaa ahyew agu, efisɛ wagu ne ho fĩ.