25 “Ka kyerɛ Aaron ne ne mma sɛ, ‘Bɔne ho afɔre no nso ho mmara ni:+ Faako+ a wokum aboa a wɔde bɔ ɔhyew afɔre no, ɛhɔ na wobekum aboa a wɔde no bɛbɔ bɔne ho afɔre no wɔ Yehowa anim. Ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron.+
13 Onkum odwennini no wɔ baabi+ a wokum mmoa a wɔde bɔ bɔne ne ɔhyew afɔre no. Wonkum no wɔ baabi a ɛhɔ yɛ kronkron,+ efisɛ asodi afɔre yɛ ɔsɔfo no dea+ te sɛ bɔne ho afɔre no ara. Ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron.