19 Na ɛnsɛ sɛ wohu mmɔkaw biara wɔ mo afie mu nnanson, efisɛ obiara a ɔde mmɔkaw bɛka n’ano no, ɔhɔho oo, Israelni oo,+ wobetwa ɔkra a ɔte saa afi Israel asafo mu.+
17 Ɛnsɛ sɛ wɔde mmɔkaw+ biara fra tõ. Aduan a wɔde abɛbɔ ogya afɔre+ ama me no na mede bi ama wɔn sɛ wɔn kyɛfa. Ɛyɛ akronkronne mu ade kronkron+ te sɛ bɔne ho afɔre ne asodi afɔre no.