Exodus 19:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Na mobɛyɛ asɔfo ahemman ne ɔman kronkron ama me.’+ Eyi na ka kyerɛ Israelfo no.” Leviticus 19:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 “Ka kyerɛ Israel asafo nyinaa sɛ, ‘Monyɛ kronkron,+ efisɛ me Yehowa mo Nyankopɔn, meyɛ kronkron.+ Deuteronomium 14:2 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 2 Wo de, woyɛ ɔman kronkron+ ma Yehowa wo Nyankopɔn, na Yehowa apaw wo afi asase so aman nyinaa mu de wo ayɛ ne man, n’agyapade titiriw.+ 1 Tesalonikafo 4:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 Ɛnyɛ afideyɛ nti na Onyankopɔn frɛɛ yɛn, na mmom ahotew ntia.+ 1 Petro 1:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 na mmom sɛnea Ɔkronkronni a ɔfrɛɛ mo no te no, mo nso monyɛ kronkron mo nneyɛe nyinaa mu,+
2 Wo de, woyɛ ɔman kronkron+ ma Yehowa wo Nyankopɔn, na Yehowa apaw wo afi asase so aman nyinaa mu de wo ayɛ ne man, n’agyapade titiriw.+