26 Na ɔnhyew ne srade no nyinaa wɔ afɔremuka no so,+ sɛnea ɔyɛɛ aboa a ɔde no bɔɔ asomdwoe afɔre no srade no. Ɔsɔfo no mpata mma ne bɔne,+ na wɔde befiri no.
25 Afei ɔsɔfo no mpata+ mma Israel asafo no nyinaa, na wɔde wɔn bɔne befiri wɔn, efisɛ wɔanhyɛ da na wɔyɛe,+ na wɔde wɔn ayɛyɛde nso aba sɛ wɔmfa mmɔ ogya afɔre mma Yehowa, na wɔmmɔ wɔn bɔne ho afɔre mma wɔn wɔ Yehowa anim.