Genesis 3:21 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 21 Na Yehowa Nyankopɔn de aboa nhoma yɛɛ atade tenten bi maa Adam ne ne yere hyɛe.+ Genesis 21:14 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 14 Enti Abraham sɔree anɔpahema faa paanoo ne nsu kotoku* de maa Hagar,+ na ɔde sii ne kɔn ho, na ɔde abarimaa no+ kaa no ho gyaa no kwan. Na ɔkɔɔ Beer-Seba+ sare so, na odii akyinkyinakyinkyin. Hesekiel 16:10 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 10 Mede nwentama+ furaa wo, mehyɛɛ wo mpaboa a wɔde sukraman nhoma+ ayɛ, na mede nwera+ kyekyeree wo ho de ntama pa kataa wo ho. Mateo 3:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Nanso na Yohane yi hyɛ atade a wɔde yoma nhwi+ ayɛ na aboa nhoma abɔso+ bɔ n’asen; n’aduan nso yɛ mmoadabi+ ne wuram ɛwo.+
14 Enti Abraham sɔree anɔpahema faa paanoo ne nsu kotoku* de maa Hagar,+ na ɔde sii ne kɔn ho, na ɔde abarimaa no+ kaa no ho gyaa no kwan. Na ɔkɔɔ Beer-Seba+ sare so, na odii akyinkyinakyinkyin.
10 Mede nwentama+ furaa wo, mehyɛɛ wo mpaboa a wɔde sukraman nhoma+ ayɛ, na mede nwera+ kyekyeree wo ho de ntama pa kataa wo ho.
4 Nanso na Yohane yi hyɛ atade a wɔde yoma nhwi+ ayɛ na aboa nhoma abɔso+ bɔ n’asen; n’aduan nso yɛ mmoadabi+ ne wuram ɛwo.+