11 Afei momfa abirekyi ba biako mmɔ bɔne ho afɔre. Monyɛ eyi nka bɔne ho mpata afɔre+ ne ɔhyew afɔre a mobɔ no daa ne ɛho aduan afɔre ne nsã afɔre+ no ho.
21 Nea wɔde bae ne anantwinini+ ason, adwennini ason, nguammaa anini ason, ne mpapo ason a wɔde bɛbɔ bɔne afɔre+ ama ahenni no ne kronkronbea hɔ ne Yuda. Na ɔka kyerɛɛ Aaron asefo, asɔfo+ no, sɛ wɔmfa mmɔ afɔre wɔ Yehowa afɔremuka no so.
17 Na wɔde anantwinini ɔha, adwennini ahanu, nguammaa ahanan bae sɛ wɔmfa nhyira Onyankopɔn fie no so, ne mmirekyi dumien a wɔde bɛbɔ bɔne afɔre ama Israel nyinaa sɛnea Israel mmusuakuw no dodow te.+