Exodus 28:39 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 39 “Afei fa nwera nwene atade tenten; yɛ no adamadam, na fa nwera yɛ abotiten+ na nwene abomu nso.+ Exodus 39:28 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 28 na wɔde nwera no bi nwenee abotiten+ ne abotiri+ fɛfɛ ne nwera twakoto,+ Leviticus 16:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Afei ɔnhyɛ nwera atade kronkron,+ na nwera twakoto+ nkata ne ho. Na ɔmfa nwera abomu+ no mmɔ ne mu, na ɔmmɔ nwera abotiten+ no. Ɛyɛ ntade kronkron.+ Ɔmfa nsu nguare+ na ɔnhyɛ.
4 Afei ɔnhyɛ nwera atade kronkron,+ na nwera twakoto+ nkata ne ho. Na ɔmfa nwera abomu+ no mmɔ ne mu, na ɔmmɔ nwera abotiten+ no. Ɛyɛ ntade kronkron.+ Ɔmfa nsu nguare+ na ɔnhyɛ.