11 Yehowa de nnansia na ɛyɛɛ ɔsoro ne asase ne ɛpo ne nea ɛwom nyinaa,+ na da a ɛto so ason no ɔhomee.+ Ɛno nti na Yehowa hyiraa homeda so yɛɛ no kronkron no.+
13 “Ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Me homeda no de, monhwɛ sɛ mubedi,+ efisɛ ɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛda me ne mo ntam, mo awo ntoatoaso nyinaa mu. Ɛno na ɛbɛma moahu sɛ me Yehowa na matew mo ho.+