11 Na afe a ɛto so ason no, nnɔw so, gyaw ma ɛnna hɔ kwa.+ Ma ahiafo nnidi asase no so, na nea wobegyaw ama aka no, wuram mmoa nni.+ Saa ara na monyɛ mo bobeturo ne ngodua turo.
22 “‘Sɛ mutwa mo asase so nnɔbae a, ɛnsɛ sɛ mutwa nea ɛwɔ afuw no anoano no nyinaa, na mutwa wie nso a, ɛnsɛ sɛ mosesaw nea aka ase no.+ Munnyaw mma wɔn a ahia wɔn+ ne ahɔho a wɔte mo mu no.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn.’”
19 “Sɛ wutwa w’afuw mu nnɔbae+ na wugyaw nnɔbae a wɔakyekyere no bi wɔ hɔ a, nsan nkɔfa. Gyaw ma ɔhɔho ne agyanka ne okunafo+ na Yehowa wo Nyankopɔn ahyira wo nsa ano adwuma nyinaa so.+