15 Tua no ka da no ara,+ na mma owia nnkɔtɔ so efisɛ ne ho akyere no, na n’akatua no ara ne ne kra anidaso. Woanyɛ saa na osu frɛ Yehowa+ a, ɛbɛdan bɔne ama wo.+
13 “Nnome nka nea osi ne fie+ nanso ɛnyɛ trenee so, na osi n’abansoro nanso ɛnyɛ atɛntrenee so, nea ɔma ne yɔnko nipa yɛ adwuma kwa a ɔmfa n’akatua mma no;+