22 Wogu so redwudwo wɔn ho no,+ kurom hɔ mmarima ahuhufo+ bi betwaa fie no ho hyiae,+ na wopiapiaa wɔn ho wɔ pon no ano; na wɔka kyerɛɛ ofiewura akwakoraa no sɛ: “Yi ɔbarima a ɔbaa wo fie ha no bra na yɛne no nna.”+
27 na saa ara na mmarima no nso gyaw wɔne mmea ntam nkitahodi a ɛyɛ ne kwan so+ de no, maa wɔn mfɛfo ho akɔnnɔ dɛwee wɔ wɔn mu, na mmarima ne mmarima+ yɛɛ adapaade,+ na wonyaa akatua mũ a ɛfata wɔn+ bɔne no wɔ wɔn mu.+
7 Saa ara na Sodom ne Gomora ne nkurow a atwa ho ahyia+ nso yɛe sɛ eyinom, de wɔn ho maa aguamammɔ na wokodii ɔhonam akyi a ɛnyɛ ne kwan so,+ na wɔde daa ogya twee wɔn aso+ na ɔde ayɛ sɛnnahɔ+ ama yɛn.