16 Na sɛ wo ne yɛn ankɔ+ a, ɛbɛyɛ dɛn na wobehu sɛ me ne wo nkurɔfo yi anya w’anim dom? Hwɛ, ɛnyɛ eyi na ɛbɛma me ne wo nkurɔfo yi ada nsow wɔ nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ho?”+
53 O Awurade Tumfoɔ Yehowa, wo na wuyii wɔn yɛɛ w’agyapade fii asase so aman nyinaa mu,+ sɛnea wonam w’akoa Mose+ so kae bere a wuyii yɛn agyanom fii Egypt no.”
16 Na biakoyɛ bɛn na Onyankopɔn asɔrefie ne abosom wɔ?+ Na yɛyɛ Onyankopɔn teasefo no asɔrefie,+ sɛnea Onyankopɔn kae no sɛ: “Mɛtena wɔn mu,+ na manantew wɔn mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, na wɔayɛ me man.”+
9 Nanso mo de, moyɛ “abusua a wɔapaw, adehye asɔfokuw, ɔman kronkron,+ nnipa a wɔde wɔn ayɛ agyapade soronko,+ sɛ monka” nea ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa ne hann nwonwaso+ mu no “nneyɛe pa nkyerɛ.”+