13 Sɛ ɔkra bi wu na obi so funu no mu na wannwira ne ho a, wagu Yehowa ntamadan ho fĩ+ na ɛsɛ sɛ wotwa ɔkra a ɔte saa no fi Israel man mu.+ Esiane sɛ wɔamfa ahodwira nsu+ no bi ampete ne ho nti, ne ho ntew ara. Ɔda so ara wɔ ne fĩ mu.+
21 “‘Wobedi ahyɛde yi so daa: Nea ɔbɛpete ahodwira nsu no nso nhoro ne ntade,+ na nea ɔde ne nsa bɛka ahodwira nsu no nso nyɛ saa ara. Ne ho begu fĩ akosi anwummere.
23 ne ade biara a ebetumi afa ogya mu+ no, momfa mfa ogya mu mma ɛho ntew. Nanso ɛsɛ sɛ mode ahodwira nsu no nso tew ho.+ Na ade biara a entumi mfa ogya mu no, momfa mfa nsu no mu.+