3 Afei na sukɔm de nkurɔfo no wɔ hɔ, enti ɔman no nwiinwii hyɛɛ Mose sɛ: “Adɛn nti na woayi yɛn afi Egypt aba ha sɛ osukɔm mmekunkum yɛne yɛn mma ne yɛn mmoa?”+
5 Ɛnna nkurɔfo no kasa tiaa Onyankopɔn+ ne Mose sɛ:+ “Dɛn nti na mode yɛn afi Egypt aba sare yi so sɛ yemmewuwu?+ Hwɛ, aduan ne nsu biara nni ha,+ na aduan hunu yi+ afono yɛn kra.”