11 Enti wɔde adwuma so ahwɛfo sisii wɔn so sɛ wɔmfa adwumaden nhyɛ wɔn so;+ na wɔkyekyee nkurow a wɔde bɛyɛ adekorabea maa Farao. Saa nkurow no ne Pitom ne Raamse.+
14 Wɔmaa asetena fonoo wɔn, na wɔhyɛɛ wɔn ma wɔwɔw dɔte+ de yɛɛ birikisi, na wɔma wɔyɛɛ afumdwuma nyinaa bi.+ Yiw, nkoadwuma biara a wɔpɛ sɛ wɔyɛ no, wɔhyɛɛ wɔn atirimɔden so ma wɔyɛe.+