35 Nanso Yehowa bɔfo no ka kyerɛɛ Balaam sɛ: “Wo ne mmarima no nkɔ,+ na mmom hwɛ sɛ nea mɛka akyerɛ wo nkutoo na wobɛka.”+ Ɛnna Balaam ne Balak mpanyimfo no toaa so kɔe.
13 ‘Sɛ Balak de ne fie a dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ahyɛ mu mã ma me mpo a, merentumi mmu Yehowa asɛm so nyɛ biribiara. Papa oo, bɔne oo, mintumi mfa me pɛ nyɛ biribiara. Na nea Yehowa bɛka no na mɛka’?+