17 Na Elisa bɔɔ mpae+ sɛ: “O Yehowa, mesrɛ wo, bue n’aniwa+ na onhu.” Ntɛm ara na Yehowa buee ɔsomfo no aniwa, na ohuu nea ɛrekɔ so; ɔbɛhwɛ a, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam+ na ayɛ mmepɔw no so mã atwa Elisa ho nyinaa ahyia yi.+
16 Dawid maa n’ani so, na ohuu Yehowa bɔfo+ no sɛ ogyina ɔsoro ne asase ntam atwe ne nkrante+ akura ne nsam, na ɔde akyerɛ Yerusalem so. Ntɛm ara na Dawid ne mpanyimfo a wofurafura atweaatam+ no de wɔn anim butubutuw fam.+