Mmebusɛm 14:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 Onyansafo suro ne ho, na ɔsan fi bɔne ho,+ na ɔkwasea de, ogye ne ho di nti, ne bo fuw.+ Mmebusɛm 27:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Abufuw yɛ atirimɔden, na abufuhyew+ te sɛ nsuyiri; ninkuntwe de, hena na obetumi agyina anim?+