29 Israel hene Peka nna mu no, Asiria hene+ Tiglat-Pilesa+ bae bɛfaa Eyon+ ne Abel-Bet-Maaka+ ne Yanoa ne Kedes+ ne Hasor+ ne Gilead+ ne Galilea,+ Naftali+ nsase nyinaa, na ɔfaa wɔn nnommum kɔɔ Asiria.+
2 ntɛm ara na wɔkɔɔ Serubabel+ ne agyanom mmusua mu atitiriw+ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma yɛne mo nsi dan no,+ efisɛ yɛhwehwɛ mo Nyankopɔn akyi kwan te sɛ mo ara,+ na efi Asiria hene Esar-Haddon+ a ɔde yɛn baa ha+ no bere so na yɛabɔ afɔre ama no.”