2Afei Nun ba Yosua somaa mmarima baanu kodɛɛ fii Sitim,+ na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔhwɛ sɛnea asase no ne Yeriko kurow no te.” Enti wosiim kɔe, na wokoduu ɔbea aguaman bi a ne din de Rahab+ fie, na wɔsoɛɛ hɔ.
5 Me man, mesrɛ mo, monkae+ nea Moab hene Balak bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ,+ ne mmuae a Beor ba Balaam de maa no,+ nea esii fi Sitim+ kosi Gilgal,+ na ama obiara ahu Yehowa adetrenee.”+