28 Eyi bɛyɛ Aaron ne ne mma dea. Ɛyɛ ahyɛde a Israelfo bedi so daa, efisɛ ɛyɛ afɔrebɔde kronkron.+ Sɛ Israelfo bɔ asomdwoe afɔre+ a, wɔde eyi bɛma wɔn, efisɛ ɛyɛ afɔrebɔde kronkron ma Yehowa.
8 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Tie, mede afɔrebɔde a wɔde ama me no ahyɛ wo nsa.+ Akronkronne a Israelfo de ama me nyinaa mede ama wo ne wo mma. Ɛbɛyɛ mo kyɛfa daa.+