5 Hwɛ, wubenyinsɛn awo ɔbabarima, na ɛnsɛ sɛ oyiwan ka ne ti,+ efisɛ sɛ abofra no nya fi yafunu mu pɛ+ a, ɔbɛyɛ Nasirini+ ama Onyankopɔn. Na ɔno na obedi anim agye Israel afi Filistifo nsam.”+
17 Enti afei ɔkaa ne komam+ nsɛm nyinaa kyerɛɛ no sɛ: “Oyiwan+ nkaa me ti da, efisɛ mifi me maame yafunu mu+ ara pɛ na mebɛyɛɛ Nasirini maa Onyankopɔn. Sɛ miyi me ti nhwi a, m’ahoɔden nyinaa bɛkɔ, na megurow na mayɛ sɛ nnipa a wɔaka nyinaa.”+