3 Tena asase yi so sɛ ɔhɔho,+ na mɛka wo ho na mehyira wo, na mede nsase yi nyinaa bɛma wo ne w’asefo,+ na mɛma ntam a mekaa wo papa Abraham no aba mu,+
24 Afei Yosef ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: “Ɛrenkyɛ na mawu; nanso Onyankopɔn bɛdan n’ani aba mo so,+ na obeyi mo afi asase yi so de mo akɔ asase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma Abraham ne Isak ne Yakob no so.”+
5 Na sɛ Yehowa de wo du Kanaanfo ne Hitifo ne Amorifo ne Hiwifo ne Yebusifo+ asase a nufusu ne ɛwo+ sen wɔ so a ɔkaa w’agyanom ntam sɛ ɔde bɛma wo+ no so a, yɛ saa amanne yi wɔ ɔsram yi mu.