11Afei ɔman no fii ase nwiinwii tiaa Yehowa+ te sɛ nnipa a asɛm bi ato wɔn. Bere a Yehowa tee no ne bo fuw yiye, na Yehowa gya pae guu wɔn so bɛhyew nnipa bi a na wɔwɔ nsraban no ahye so.+
4 Ebia Yehowa, wo Nyankopɔn bɛte+ Rabsake nsɛm no nyinaa; ɔno na ne wura Asiria hene asoma no sɛ ɔmmɛsopa+ Onyankopɔn teasefo no. Na nsɛm a Yehowa wo Nyankopɔn ate no nti, ɔbɛma wabu ho akontaa.+ Ɛno nti bɔ mpae+ ma wɔn a wɔaka+ wɔ ha no.’”