13 Ɛnna asɔfo baason a wokurakura nguan mmɛn ason no hyɛn mmɛn no dii Yehowa adaka no anim, na asraafo no nso dii wɔn anim. Afei wɔn a wɔbɔ kyidɔm no dii Yehowa adaka no akyi bere a asɔfo no gu so rehyɛn mmɛn no.+
2 Ɛnna ofii adi kɔɔ Asa anim, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Asa, wo ne Yuda ne Benyamin nyinaa, muntie me ɛ! Yehowa de, sɛ mo ne no tena a, ɔno nso ne mo bɛtena;+ sɛ mohwehwɛ+ no a, ɔbɛma moahu no, na sɛ mugyaw no a, ɔno nso begyaw mo.+