14 “‘Sɛ ɔhɔho bi te mo mu a, ɔno nso nsiesie twam afɔre no mma Yehowa.+ Ɔnyɛ no sɛnea twam no ho mmara ne ɛho nhyehyɛe te.+ Mmara koro no ara na ɛwɔ hɔ ma ɔhɔho ne kuromanni nyinaa.’”+
15 Ahyɛde koro na ɛda hɔ ma asafo mma ne ɔhɔho a wabɛsoɛ mo no nyinaa.+ Ɛbɛyɛ ahyɛde a mubedi so daa, mo awo ntoatoaso nyinaa mu. Ɔhɔho ne mo nyinaa bɛyɛ pɛ wɔ Yehowa anim.+