11 Nea ɛbɛyɛ mo dea ni: Wɔn akyɛde no mu bi a wobeyi asi hɔ+ ne nneɛma a Israelfo de bɛbɔ ohim afɔre+ nyinaa. Mede ama wo ne wo mmabarima ne wo mmabea+ sɛ mo kyɛfa daa. Obiara a ne ho tew wɔ wo fie betumi adi bi.+
26 “Ka kyerɛ Lewifo no sɛ, ‘Israelfo no de wɔn nneɛma mu nkyem du mu biako a mede ama mo no bɛma mo sɛ mo agyapade.+ Na mo nso monkyɛ nea mo nsa bɛka no mu du na momfa biako mma Yehowa.+