Exodus 19:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 19 Bere a Israelfo no fii Egypt asase so no, ɔsram a ɛto so abiɛsa+ so pɛpɛɛpɛ na wokoduu Sinai+ sare so. Numeri 10:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 Afei afe a ɛto so abien, ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so aduonu+ no, omununkum no fii Adanse ntamadan+ no so. Numeri 10:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 Ɛbaa saa no, Israelfo no siim fii Sinai sare so, sɛnea wɔn akwantu nhyehyɛe te,+ na omununkum no begyinaa Paran sare so.+
19 Bere a Israelfo no fii Egypt asase so no, ɔsram a ɛto so abiɛsa+ so pɛpɛɛpɛ na wokoduu Sinai+ sare so.
11 Afei afe a ɛto so abien, ɔsram a ɛto so abien no da a ɛto so aduonu+ no, omununkum no fii Adanse ntamadan+ no so.
12 Ɛbaa saa no, Israelfo no siim fii Sinai sare so, sɛnea wɔn akwantu nhyehyɛe te,+ na omununkum no begyinaa Paran sare so.+