29 Na ɔsɛn Ai+ hene no wɔ dua so kosii anwummere,+ na bere a owia rekɔtɔ no, Yosua ma woyii ne funu fii dua no so+ kɔtoo kurow no pon ano, na wɔsoaa abo pii guu no so ma ɛyɛɛ siw kɛse a ɛwɔ hɔ de besi nnɛ.
31 Na ɛyɛ Ahoboaboa+ bere, na nea ɛbɛyɛ na Homeda no bedu na amu no nsɛn asɛndua no so+ (efisɛ na saa Homeda no yɛ homeda kɛse)+ nti, Yudafo no srɛɛ Pilato sɛ ɔmma wommubu wɔn nan mu na wonyi amu no mfi hɔ.