23 W’atumfoɔ asen wɔn kɔn na wɔne akorɔmfo na ɛbɔ.+ Wɔn mu biara dɔ adanmude,+ na wotiw akyɛde.+ Wonni agyanka asɛm mma no, na akunafo asɛm nnu wɔn anim.+
5 “Na mɛba mo nkyɛn abebu atɛn,+ na mede ahopere bedi adanse+ atia asumanfo,+ ne awaresɛefo,+ ne wɔn a wɔka ntanhunu,+ ne wɔn a wɔbɔ apaafo apoo,+ ne wɔn a wosisi akunafo+ ne nnyanka+ na wodi ahɔho+ amim, na wonsuro me no,”+ asafo Yehowa na waka.