8 “Sɛ obi hwie mogya gu+ anaa ɔne ne yɔnko twe manso+ anaa opira ne yɔnko na ɛyɛ asɛm a asɔre+ wo kurow pon ano, na asɛm no mu yɛ duru ma wo sɛ wubedi+ a, ɛnde sɔre kɔ faako a Yehowa wo Nyankopɔn ayi asi hɔ no,+
5 “Lewi mma asɔfo no mmra hɔ efisɛ wɔn na Yehowa wo Nyankopɔn ayi wɔn sɛ wɔnsom no+ na wɔmfa Yehowa din nhyira,+ na sɛ obi pira ne yɔnko na asɛm sɔre a, wɔn anom asɛm so na wobegyina abua asɛm no.+